Psalms 20

Dawid dwom.


1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;
Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.

2 Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo,
na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa,
na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.

4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ,
na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.

5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim,
na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu.

Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.


6 Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi,
ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so,
ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.

7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so
na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so,
nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.

8 Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,
na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.

Awurade, ma ɔhene nkonimdi!
Yɛfrɛ a, gye yɛn so!

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

9
Copyright information for TwiAKNA